Sika

Album cover art for "Sika" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop, Ghana

Sika

0 Plays

Duration: 5:35

View Artist

Lyrics

Language:

[Verse 1: Daddy Lumba] Ei, Baba o Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o Hey Mama, hey, Paapa Pɛ, na sika ne nipa nkwa Ei-ei, Mama o, Mama Mɛnhwɛ mma wo ba o, nneda adagya o Hey Mama, hey Paapa (Mama ei) Pɛ, na sika ne nipa nkwa (Ah) [Chorus: Daddy Lumba] Ewiase mu hia yɛ ya o (Oh) Wiase mu hia yɛ ya o (Ah) Wiase mu hia yɛ ya o Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya (Ah) Wiase mu hia yɛ ya o, oh hia yɛ ya o Wiase mu hia yɛ ya o, hia yɛ ya (Ah) Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ (Ka na ka) Ka na ka o, ka na ka (Hia yɛ ya) [Verse 2: Daddy Lumba] Ei, Mama o, Mama Mɛnhwɛ mma wo mma o, nneda adagya o Hey, Mama, hey, Paapa Pɛ, na sika ne nnipa nkwa Ei, ei Baba o (Baba) Mɛmfa wo berɛ o, na nyɛ akwadworɔ o, da Hey, Mama, hey, Paapa (Baba ei, Papa ei) Pɛ, na sika ne nipa nkwa [Chorus: Daddy Lumba] Wiase mu hia yɛ ya o (Oh) Wiase mu hia yɛ ya o (Ah) Wiase mu hia yɛ ya o Ka na yɛnka, wiase mu hia yɛ ya (Ah) Wiase mu hia yɛ ya o, oh (Hia yɛ ya o) Wiase mu hia yɛ ya o (Hia yɛ ya, ah) Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ (Ka na ka) Ka na ka o, ka na ka (Hia yɛ ya) {Verse 3: Daddy Lumba] Damfo Adu o Mɛmfa anibre o nnane ɔtan, yɛsrɛ wo Mɛmfa ɛkɔm anibre ntwitwa ntwitwa mpoahunu, nkeka sɛ Obi sika a wabrɛ anya yɛ sika fi Sika, ebi yɛ fii? (Woboa) Sika da bɔɔla so koraa a, me nua, pɛ bi o Na ɔyɛ ɔhene o, ɔhene o, ɔhene o Ebi hyɛ wo ho a, nka woagyae mpoatwa yi, ampa Ha, pɛ bi o, na sika ne nipa nkwa Nyame korɔ no a Ɔse Mma yɛnnwene deɛ yɛbɛdi ne nea yɛbɛda ho no a Nyame korɔ no ara nso se Nsa a ɛnyɛ adwuma no deɛ, ɛnsɛ na adidi, ao Ɔsoro yɛ ɔboafoɔ o, na adom Ɔsoro yɛ ɔboafoɔ ei, na ɔboa nea ɔboa ne ho a Pɛ bi o, na sika ne nipa nkwa Mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ ah-eh Sika nso na yɛde tɔ mogya aduro Hey Mama, hey Papa, eh (Papa eh, Papa o) Pɛ, na sika ne nipa nkwa Mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ ah-eh Sika nso na yɛde tɔ mogya aduro, ah Hey Mama, hey Papa, eh (Papa eh, Papa o) Pɛ, na sika ne nipa nkwa Wɔfa bɛwu ama madi adeɛ o, adeɛ Yɛda so te yɛn ABC yi mu ara Ghana de n'ani to abrɔfo so, eh Yɛda so te yɛn ABC yi mu ara Wayɛ yie o, Kwadwo Yɛnkɔyi no o, yɛnkɔyi no o Yɛda so te yɛn ABC yi mu ara (Ah) Sɛ abrabɔ yi bɛyɛ yie a (Ɛnneɛ agye wo ara, wo ara, wo ara) [Bridge: Daddy Lumba] Ssh, ah Ɔkwadwofoɔ ɛnkɔ kan Ɔsɛnkafoɔ Nwoma Etire du nkyekyɛmu du nkron Twerɛ Kronkron no na ɛse o, ɔse "Sika ɛna ɛyɛ ade nyinaa ara" Praise the Lord! [Verse 4: Daddy Lumba] Kala yi deɛ nka (Ɔfata, ɔfata me) Sɛɛ ɔno nso hunuu me no wadɔ me asie a Dɔ me ara (Dɔ me, dɔ me) Dɔ me, dɔ me, dɔ me, dɔ me wu ah Nso boo, adeɛ yi yɛtɔn no soro Na akyekyedeɛ reyɛ deɛn atɔ, Kwadwo? Ohia nti ɔdɔyɛwu dam' baabi Dɔ Papa a ɔdɔɔ me, ɔdɔɔ me Ɔde benkum ayɛ me bye-bye, bye-bye, nisuo Nsɛm nyinaa, Nyame ara na Ɔnim ah-eh Sika, sika Me deɛ, mato ne din sɛ Ɔgyeawareɛ Ɛma ɔdɔ sɔ (Ɛma ɔdɔ sɔ) Sɛ ɛnhyɛ me ho a, nka ɔdɔfo bi ankɔ, aah Sika nni hɔ a, Nana Sarfo Sika din baako ne Ɔgyeawareɛ Hey, Mama, hey, Paapa (Sss, ah, mɛpɛ) Pɛ, na sika ne nipa nkwa Charles ei, nea mafa mu nti Memfa me bra o, na ɛnnyɛ akwadworɔ o, bio da Hey, Mama, hey, Paapa Pɛ, na sika ne nipa nkwa [Chorus: Daddy Lumba] Wiase mu hia yɛ ya o (Oh) Wiase mu hia yɛ ya o (Ah) Wiase mu hia yɛ ya o Ka na ka o (Yɛnka) Ka na ka (Wiase mu hia yɛ ya, ah) Ka na ka Wiase mu hia yɛ ya o, oh (Hia yɛ ya o) Wiase mu hia yɛ ya o, ah (Hia yɛ ya) Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ (Ka na ka) Ka na ka, ka na ka (Hia yɛ ya) [Verse 5: Daddy Lumba] Ei, Baba o Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o Hey, Mama, hey, Paapa Pɛ, na sika ne nipa nkwa Ken Asare ei, Jakobuni ba Memfa me bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ o Hey, Mama, hey, Paapa (Ken, ah, Mama ei) Pɛ, na sika ne nipa nkwa (Ah) [Chorus: Daddy Lumba] Wiase mu hia yɛ ya o (Oh) Wiase mu hia yɛ ya o (Ah), hey Mama Wiase mu hia (Hey Papa) yɛ ya o Ka na yɛnka nso wiase mu hia yɛ ya (Ah) Wiase mu hia yɛ ya o, oh (Hia yɛ ya o) Wiase mu hia yɛ ya o (Hia yɛ ya, hey Mama, ah) Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ, hia yɛ ya (Hey, Mama, hey, Papa, ka na ka) Ka na ka o, ka na ka Kwame ei, Kakari Kuffour ei Memfa me bra o, na ɛnyɛ akwadworɔ o Hey, Mama, hey, Papa (KufKak ei) Pɛ, na sika ne nipa nkwa Afreh ne Kwamena Akyeampɔn se Yɛmfa yɛn bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ da Hey, Mama, hey, Paapa (Affreh ei) Pɛ, na sika ne nipa nkwa (Ah) [Outro: Daddy Lumba] Ah Ewiase, nipa bɛnya wo a Sɛ ɛmfiri ohia a, na ɛfiri yareɛ Yareɛ yɛ ya, na ohia nso yɛ ya Woah!

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Writers
  • Daddy Lumba