Nyame Nhyira Mmaa

Lyrics
[Intro] Mehunu sɛ barima bi reteetee ɔbaa bi a Ɛyɛ a, na ɛyɛ me awerɛho paa Mehunu sɛ barima deɛ, sɛ wommu mmaa a Na ɛyɛ me sɛ na wonnim nea woyɛ bi o [Chorus] Nyame nhyira mo o, oh-oh Ghana mmaa Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa, Ghana mmaa Yeah, yeah, oh-oh Nyame nhyira mo o, oh-oh Ghana mmaa Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa, Ghana mmaa Ghana mmaa ayɛ bi o, oh Ei, aseda sɛ mo o [Instrumental] [Verse 1] Katakyi ei! Bebereebe yi nyinaa Wo werɛ afi baabi a wofiri baaeɛ anaa? Ɔbaa yam na wodaa bosome nkron nti Sɛ wose wommu mmaa a, ɛsɛ wo ara Awoɔ mu asɛm, na mmaa yi nko ara na ɛnim a Abosome nkron mu ayamhyehyeɛ, ao Mmarima ada so yɛn daeɛ pa bi no Na mmaa yi asɔre si ɔpono yi ano, ao Awerɛhoɔ o, osu Awerɛhoɔ ne yareɛ o Awo Yaa, Maame, woayɛ bi, ao, oh, ei Sɛ nе mmerɛ so, na awoɔ ka no a Ɔgyina owuo ne nkwa nkwanta o Akokoɔduru bɛn koraa na ɛsen sеi ah? Ghana mmaa ei, moayɛ bi o, boo, ei Ɛyɛ a na ɛ'awerɛhoɔ beberee Sɛ ɔbaa bi bɛkɔ awoɔ so na wamma fie Momma yɛnsu mma wɔn Wɔmma yɛnsu mma mmaa a Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no (Awɔse agu me o) Wɔmma yɛnsu mma mmaa a Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no, ao, ah (Awɔse agu me o) Na sɛ mekae mmaa a Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no (Na awɔse agu me o) Na sɛ mekae mmaa a Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no (Na osu aduru me o) Wɔmma yɛnsu mma mmaa Yɛnsu mma mmaa Yɛnsu mma mmaa yi Wɔmma yɛnsu mma mmaa Yɛnsu mma mmaa Yɛnsu mma yɛn mmaa yi a Ayekoo! Sɛ mmaa yi mpɛ sɛ yɛtena wiase yi mu a Awooeɛ mu ara na nka wɔyii yɛn firii hɔ ao Ɛnnɛ watete wo o Nti wose wommu mmaa a, ɛsɛ wo ara [Pre-Chorus] Mehunu ɔbarima bi na ɔreteetee mmaa bi a Ɛyɛ a na ɛyɛ me awerɛho paa Mehunu sɛ barima deɛ sɛ wommu mmaa a Na ɛyɛ me sɛ na wonnim nea woyɛ bi o [Chorus] Nyame nhyira mo o, oh-oh Ghana mmaa Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Nyame nhyira mmaa) nkankan Ghana mmaa Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa Ghana mmaa [Instrumental] [Verse 2] Sɛ agorɔ yi bɛyɛ dɛ a (Efiri mmaa yi) Wiase bɛyɛ fɛ a (Efiri mmaa yi) Mpa so bɛyɛ hye a (Efiri mmaa yi) Nkɔmmɔ yi bɛyɛ dɛ (Efiri mmaa yi) Wɔmma yɛnnyegye mmaa yi so Nea ɔyɛ ɔbaa biara, ɔyɛ me hemaa, eh Wɔmma yɛnnyegye mmaa yi so Nea ɔyɛ ɔbaa biara, ɔyɛ me hemaa Akosua Sɛɛwaa ei, Maame Ama Saah ei Abena Adomaa o, ei Wiase yi bɛyɛ fɛ a (Efiri mmaa yi) Yiee agorɔ yi bɛyɛ dɛ a (Efiri mmaa yi) Mpa so bɛyɛ hye a (Efiri mmaa yi) Nkɔmmɔ yi bɛku me a (Efiri mmaa yi) [Pre-Chorus] Mehunu sɛ barima bi reteetee ɔbaa bi a Ɛyɛ a na ɛyɛ me awerɛho paa Mehunu sɛ barima deɛ sɛ wommu mmaa a Na ɛyɛ me sɛ na wonnim nea woyɛ bi o [Chorus] Nyame nhyira mo o, oh-oh, ei Ghana mmaa Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa, nkankan Ghana mmaa Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Yie ei, awonom o) Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Awoɔ mu asɛm nti o) Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Mo sei nkoaa nti) Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Moamma awɔ anne yɛn o) Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Franklina ei) Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa Nyame nhyira mmaa (Mo sei nkoaa nti) Nyame nhyira mmaa, Nyame nhyira mmaa
Rate this song
0/5.0 - 0 Ratings
Loading comments...