Mpempem Do Me

Album cover art for "Mpempem Do Me" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop, Ghana

Mpempem Do Me

1 Plays

View Artist

Lyrics

[Intro: Daddy Lumba] Sɛ mpempem ɛtan me a Mpempem kyiri me o Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o, Charles ei Mpempem, mpem Charles ei, Charles ei, yɛkyiri me me o, Kwadwo Mpempem, mpem Menyɛɛ 'biara bɔne o, Kwadwo Mpempem, mpem Ah, ɛnso, hwɛ Ɔpepeepee dɔ me, dɔ me (Hey, hey, hey, hey, hey) Mpempem, mpem Tan me o, tan me o, gyan Mpempem, mpem Charles ei, mese yɛkyiri me o, kwa, kwa Mpempem, mpem (Eh, eh) Ɔpepeepee dɔ me, dɔ me (Ah) [Chorus: Daddy Lumba] Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o [Interlude] [Verse 1] Deɛn na o, deɛn na? Kwankora, manyɛ onipa deɛn koraa o? Deɛn na o, deɛn na Wanyɛ onipa o? Kwabena Hammer, tan ma yɛ'di awerɛhoɔ o Charles ei, Lumba ei Me din nti me'brɛ o, ah Sɛ me nyɛ o, Charles ei Sɛ makyea o, Kwadwo M'Atemmufoɔ ara na Ɔte sorosoro retwɛn me o, Charles ei Sɛ na ɛyɛ Israel sɛ nka wɔrebɛbua Awurade kumfo o Ama N'ahennie no to atwa a Woadi nkuguo o, hey Sɛ nka wɔnim sɛ Jesus yi Nka ɔrebɛwu ama N'ahennie ada N'abatiri ne N'abatiri so a Nka wɔanyɛ o Nti di ako o, Charles ei Sa Barima Nana ne wo, nti di ako, aah Nana, brɛɛbrɛɛ-brɛɛbrɛɛw, Nana Mpempem na ɛdɔ wo, na ɛdɔ wo, dɔ wo Kontonkyi, adekyeɛ yi asan aba Charles, na Opoku Kwadwo Darko ei Nana, brɛɛbrɛɛ-brɛɛbrɛɛ, brɛɛw, Nana Mpempem dɔ wo [Pre-Chorus] Mpempem, mpem Ɛna ɛtan me o, tan me o, gyan Mpempem, mpem Charles ei, mese wɔtan me o, kwa Mpempem, mpem (Ɛnso o) Ɔpepeepee dɔ me, dɔ me (Hey, hey, hey, hey, hey) [Chorus: Daddy Lumba & Volatage] Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o (Okay, you don't know) [Verse 2: Voltage] Ewiase yi mu, nnipa nyinaa dɔ wo a, due Mese wohyɛ wo dan mu, na wompɛ wo ho asɛm a, ɛmpue Voltage, mese tɛ w'aso na hwɛ Mese wohyɛ wo dan mu koraa a, yɛde bɛtoa wo Firisɛ wiase yi mu, nnipa nyinaa dɔ wo a, due Mese wohyɛ wo dan mu na wompɛ wo ho asɛm a, ɛmpue Daddy Lumba, mese tɛ w'aso na hwɛ Mese wohyɛ wo dan mu koraa a, yɛde bɛtoa wo Wotan aboa Ɔkwaduo a, na ɛnyɛ ne mmirikatuo So true, da biara, wompɛ me mpontuo Every day, yeah, every night Baabi ara a mɛfa biara, woka m'anamɔntuo Wotan aboa Ɔkwaduo a, na ɛnyɛ ne mmirikatuo So true, da biara, wompɛ me mpontuo Every day, yeah, every night Baabi ara a mɛfa biara, woka m'anamɔntuo [Verse 3: Daddy Lumba] Asona ase o, Lazio Nti mabɔ wo nwom ma obi mmɔɔ bi da a Nso ɔnim to si tire, word-to-word, verse-to-verse, oh, hoh! Wompɛ ni o, krakye ei Na yɛ'bɔ no car mu a, mmaa ani agye yi Nti yi w'anim, yi w'anim, yi w'anim, yi w'anim Wompɛ a, obi pɛ Wo na wompɛ o, barima ei Neɛ yɛse wopɛ na amansan pɛ? Neɛ yɛse wopɛ na amansan pɛ a, nka yɛahye o Kasa o, Charles ei Na nyansafoɔ na ɛte onyansafoɔ aseɛ Nti sɛ wo nko ara wokyiri me a Mpempem na ɛdɔ me o, Charles ei [Chorus: Daddy Lumba] Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o [Verse 4: Daddy Lumba] Edward Kuffour ne ne nuanom dɔ me, ao Michael Kwadwo Kuffour dɔ me, ao, Charles ei Nti wo deɛ Menhu wo mpo (Chai) Memfa wo nyɛ hwee mpo Ataa Maame, Ceccy, dɔ me, ao Aunti Maa Akua Manu dɔ me, ao Ah, Ɔbɔme ni ba yi, nti Menhu wo mpo, memfa wo nyɛ hwee mpo Yie ei, na Abena Wusuwaa dɔ me, ao Yie ei, Nana Twum Barima dɔ me, ao, Kwadwo Nti wo paa deɛ Menhu wo mpo (Tssww) Memfa wo nyɛ hwee mpo (Chai) [Chorus: Daddy Lumba] Mpempem tan me a (Tan me o, tan me o, tan me o, gyan) Mpempem tan me a (Mpempem, mpempem na ɛkyiri me o, kwa) Mpempem tan me a (Aah, mm, mm, mm) Mpempem na ɛdɔ me o Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem tan me a Mpempem na ɛdɔ me o, Charles ei

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Credits Not Found