Makoma Ho Toffee

Album cover art for "Makoma Ho Toffee" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop

Makoma Ho Toffee

3 Plays

View Artist

Lyrics

Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo Yɛ no ntɛm bra o obronii menkoaa m'ahoma teaa Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Na nkaawa ee, mmɔborɔwa, daeɛ kɔso a na opitiri oo Mete m'ani a me na meda nkonkonso yi, ee ɔdɔ Me a nka medɔ yɛ kra kɔhwɛ Me ne ɔdɔ deɛ mframa mfa yɛn mu oo Afei deɛ me bronii wɔ hene ni a? Ee ɔdɔ Magya mebronii hɔ atukwan sɛ mebɛ pɛ biribi akɔ fie Na yɛ de akɔhwɛ yɛn asetena mu ee ɔdɔ Nso mebɛ duru akwantuo mu yi ɛna mɛtumi ehunu sɛ Sɛɛ ɔdɔ ho hia sen sika oo, ee ɔdɔ Eduru anɔpa a, nkɔmmɔ nkɔmmɔ ee ɔde bɛbɔ me nkɔmmɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Ee ɔdɔ oo Eduru awia berɛ a nsukɔm de me oo, ɔdɔ ee mehia wonsam nsuo Nti makoma ho toffee wɔ hene? Ee ɔdɔ Eduru annwumerɛ so a na awɔ de me oo, Serwaa bɛ yi me awɔ yi mu ao Nti makoma ho toffee wɔ hene? Ee ɔdɔ Nti dabɛn koraa na mɛhunu ɔdɔ, menkoaa mebronii bɛfe mano ao Yɛyɛ ɔdɔ a na obi nyɛɛ bi da ei, ee ɔdɔ Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Oh ɔdɔ ho asɛm Wose wo ka a, adeɛ bɛkye menua Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Yie me bronii ee ɔdɔ oo Yɛ no ntɛm bra o obronii menkoaa m'ahoma teaa Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Sɛ meka ɔdɔ ho asɛm a, na meka de ma Nana Fosu a ɔte Kumasi Abrepo Ɔne ne dɔfo bi yɛ frɛ Veronica Abebrese Ɔno nso te Bohyɛn, ɔdɔ nkoaa Madwen ɔdɔ ho ayɛ ateaa Menyaa obi ɔde nkra kɔ ma ɔdɔ sɛ "mama ee, woho nti na mewui" ee ɔdɔ Mede nkra bɛma abrɔnomaa, abrɔnomaa yɛ Onyame aboa Ɔno na sɛ ɔde me nkra kɔ ma ɔdɔ a, ee ɔdɔ Bronii behunu sɛ makoma mu fitaa ee, Charles ee na medɔ noa o Ɔno ne makoma ho toffee no, agyei ee ɔdɔ Ɔdɔ sɛ wote nkratoɔ yi a ɛyɛ a bra oo Wote menka a ma wo ho mpo a Boo meda hɔ ɔ mewu mahyɛ wo oo ah Ɛnam ɔdɔ nti oluman bi akum ne ho, ɔdɔ nti aa Ɛnam ɔdɔ nti boy bi akum ne ho, mese ɔdɔ nti aa Ɛnam ɔdɔ nti girl bi abɔ ne ho tuo, ɔdɔ nti aa Ɛnam ɔdɔ nti old lady bi akum ne ho, mese ɔdɔ nti aa Mɛmfa medɔ nni agorɔ Na medɔ yɛ dangerous paa Charles ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Yie me bronii ee ɔdɔ oo Yɛ no ntɛm bra o obronii menkoaa m'ahoma teaa Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ Bronii ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Credits Not Found