Sesee Wo Se

Lyrics
Sɛsɛɛ wose Sɛsɛɛ wose Sɛsɛɛ wose Sɛsɛɛ wose Sɛsɛɛ wo se woreyɛ, ayɛ, ayɛ Ama me ho akyere me o (sɛsɛɛ wose) Sɛsɛɛ wose menni baabi mpo fa koraa, ɔdɔ (sɛsɛɛ wose) M'adwareɛ fɔɔeɛ o oh, oh, ansa na wo nsuo rebɛtɔ Wo na wobɔɔ me se guu m'anum a tutuɛ Na mabrɛ wo ne mpoatwa o Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Agya, wogye wo ho di Me hunu wo sɛ ahweneɛ bi a ɛnni bɔn no Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Wogyae me a menhye po o, dansiamoa ei Sɛsɛɛ wo se woreyɛ, ayɛ, ayɛ Ama me ho akyere me o (sɛsɛɛ wose) Sɛsɛɛ wose menni baabi mpo fa koraa, Kwadwo ei (sɛsɛɛ wose) M'adwareɛ fɔɔeɛ o oh, oh, ansa na wo nsuo rebɛtɔ Wo na wobɔɔ me se guu m'anum a tutuɛ Dada na mabrɛ wo ne mpoatwa o Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Wogyae me a menhye po o, dansiamoa ei Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Mɛkɔ ama obi aba o, Prayɛtia Abena Monhwɛ nea mehunu ne nea meteɛ bi Abotesɛm ni! Mɛfa nea n'ani ateɛ Obi ani bɛte wo so a ɛ'ya o Wobaaeɛ mehunu o Ateyie ma awerɛfie ntira Akranteɛ saa dabɛn a Nkura nyinaa boɔ ayɛ den sei a Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Wogyae me a menhye po o, ɔdɔ ei Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Mɛkɔ ama obi aba o ɔdɔ, Prayɛtia Abena Aduana ba ei Yɛma wo akoma pa a, na yɛaha wo o Ɔdɔ ne nea ne ho akɔdi mu, m'akoma! Me gya dum dabɛn a Na bogya mpo ho ahia me sei a Mesu a mɛgyae oo dansiamoa ei Ɔkɔtɔ ei, nampa asa ama wadi bem o, Abrafie ei Aboa a yɛwe wo dompe ansa na yate wonam, hwɛ Asɛm na aba ntira Ɛnnɛ ɔdɔ sɔre a Dada sɔre a ɔse, "Mmaa abu o" Menkɔte a mete Ɔdɔ wosɔre a wose, "Mmaa abu o" Mmaa no deɛ na abu Na deɛ ɔbɛtena wo ho ne wo adi 'hia no ɛna Ne ho ɛ'na o dansiamoa ei Sɛ 'dea' ɛnnɛ mmaa abu no a Saa nso ara na mmarima abuo K-Wuo Ɔdɔ na ɔdɔ wo o, na ɔdɔ Ɛnyɛ sɛ mabɔ dam koraa, ah Sɛsɛɛ, sɛsɛɛ, sɛsɛɛ, sɛsɛɛ Sɛsɛɛ wose Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Agya, wogye wo ho di Me hunu wo sɛ ahweneɛ bi a ɛnni bɔn no Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Mɛkɔ ama obi aba o, ɔdɔ ei Ɛnkɔsi daben Ɛna mo bɛma amansan adaadaa mo? Ɛnnɛ wobɛ teɛ Yɛse Daddy Lumba ɔdaeɛ a wansɔre Ɔnwomtofoɔ no afei deɛ ɔretɔn nnuro, ama yɛakye no Daddy Lumba ho mmaa bebree, nso abere biara no Ɔte ne dɔfo nkyɛn Ɛnkosi daben na amasan bɛdaadaa mo Dan Baafi, Düsseldorf Ɔse wodwene ne ho a, wo na wo fɔn! Monhwɛ ɔkwaterekwa bi a ɔno deɛ ɔse ɔfiraa me ntoma Monhwɛ ɔkwaterekwa bi a ɔno deɛ ɔse ɔfiraa me ntoma Wobaaeɛ no na mefira m'Adweneasa dada Ɛyɛ aniberɛ o Wonim yɛ a yɛ ma yɛnhwɛ ɛ Na gyae nsɛmkeka yi a Wobaaeɛ yɛhunuu o, ɔdɔ o Ɛnam w'aniberɛ nti, wosɔre a na wode me nenam afiemu a Dabiara na yɛregu m'anim ase o Akyerɛ m'adɔfo yi ao Me a metu asuo asu Ɛma amansan nom bɔ me din o Kwadwo ei Ɛna ɛnnɛ nsuo ho nti mese yɛbu me ɔkorɔmfoɔ yi o Ssshh, ɛyɛ aniberɛ Wo dwene meho a, wo na wo fɔn! Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Woresɛe me na mereyɛ me keseɛ eh Abanaba ei, m'ahennie wɔ me o Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Ɛmma monte nisuo o M'adɔfo ei, na aberɛ biara mewɔ hɔ me ma mo ao Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Agya wogye wo ho di Mehunu wo sɛ ahweneɛ bi a ɛnni bɔn no Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan Sɛsɛɛ wose Wogyae me a menhye po o, dansiamoa eh Sɛsɛɛ wose!
Rate this song
0/5.0 - 0 Ratings
Loading comments...