Theresa

Album cover art for "Theresa" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop

Theresa

0 Plays

View Artist

Lyrics

[Verse 1] Sɛ manyi wo ayɛ a, ɛnneɛ, na menni ayɛ o Na sɛ mammɔ wo din a, na meyɛ boniayɛfoɔ o Na sɛ manyi wo ayɛ a, ɛnneɛ, na menni ayɛ o Oboniayɛfo ne me, Nana ei, sɛ mammɔ wo din a [Chorus] Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Ɔbaa biara nni hɔ a ɔte sɛ wo o [Verse 1] Sɛ manyi wo ayɛ a, ɛnnеɛ, na menni ayɛ o Na sɛ mammɔ wo din a, na meyɛ boniayɛfoɔ o Na sɛ manyi wo ayɛ a, ɛnneɛ, na mеnni ayɛ o Oboniayɛfo ne me, Nana ei, sɛ mammɔ wo din a [Chorus] Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Ɔbaa biara nni hɔ a ɔte sɛ wo o [Instrumental] [Verse 2] Na sɛ Nana te ase yi deɛ Kwadwo ei, me ho renkyere me o Na sɛ nsukɔm mpo bɛ de mia Nana bɛma me mmorɔsa Nnipa yɛ adeɛ a ɔsɛ ayeyie Nti ara na merebɔ wo din o Mede dwanetoa me ma Ghanaman sɛ Obiaa ntutu mmirika ɛ Ɛnkɔ Kumasi Bohyen, 'Kotoko' Residence Mommisa sɛ, Maame Broni ba a yɛfrɛ no Konadu no wɔ hene ni? Na sɛ mohunu Nana a, monse Nana sɛ Charles se, "Mebɔ ne din o" Nana Konadu ei, meda w'ase o [Chorus] Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Ɔbaa biara nni hɔ a ɔte sɛ wo o [Saxophone solo] [Verse 3] Mese sɛ ɔbaa biara te sɛ ɔno a Ghana mmeranteɛ, anka yɛmmrɛ o Ɔbodome a ɔda ahweneɛ mu aah-eh Ahwenepa nkasa ei Mese Nana din a merebɔ yi a ebi a na obi nkɔte aseɛ Yie ei, mese mereka a Agyaei! Nka adeɛ bɛkye Nti mɛto nwom, abɔ ne din sɛ, "Konadu a woyi ɛdɔm" Nana ei, wo din ne wo honam sɛ o Woko yii Kwadwo Fosu o [Chorus] Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Ɔbaa biara nni hɔ a ɔte sɛ wo o [Band Interlude] [Verse 4] Mary Agyekum ei Asante Mampong Dahomni ba Mary ei, me werɛ mfiri wo o Meresrɛ adom nhyira ama wo o Owura Akwasi Awuah a Wofiri Nsuta akura bi a yɛfrɛ no Kyebi Owura LandPoll Krakye ei Papa bi a woyɛ maa me nti no a Owura Awuah wo nnwom nie ooh Charles Kwabena Ghanney, obibini buroni Wo ne wo yere, Akua Agyeiwaa a Mofiri Nsuta Oyoko o Sɛ manhyia mo mmerɛ bi a Ebi a nka ɛkɔm kuu me o, hmm [Bridge] Agyaei, agyaei, agyaei, m'adɔfo Mesrɛ Adom Nyame Nhyira ma mo o Na nea mosɛe no wɔ me ho biara no Adom Wura mma mo mmɔho o Owura Kwasi Awuah ei Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, Nana ei [Bridge] Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Charles Kwabena Ghanney ei Meresrɛ Adom Nyame nhyira ama wo o Mama Mary Agyekum ei Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, Nana ei [Chorus] Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Ɔbaa biara nni hɔ a ɔte sɛ wo o [Chorus] Theresa ei, Theresa ei Theresa Abɛberɛsɛ ei Theresa ei, Theresa ei Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo o Theresa ei

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Credits Not Found