Owuo Atu Medunsini

Lyrics
Oh!!! Awerɛho oooo...ohhhhhhh Owuo atu me dunsin ao ama me soafoɔ asa Amansan abusua bebirebe yi, me nkoara me deɛ na ogya da mu oo ah Medwane me de toa amanfoɔ sɛ, monsu mma me oo Na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a monsu mma me oo Awisea foforɔ ne me oo, awisea foforɔ ne me oo, awisea moborɔ oo nti ɛyɛ a monsu mma me oo Owuo atu me dunsin ao ama me soafoɔ asa Amansan abusua bebirebe yi me nkoara me deɛ na ogya da mu oo ah Medwane me de toa amanfoɔ sɛ, ɛyɛ monsu mma me oo Na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a monsu mma me oo Awisea foforɔ ne me oo, awisea foforɔ ne me oo, awisea moborɔ oo nti ɛyɛ a monsu mma me oo Agyapong ee na adeɛ atɔ m'ani oo..gyamasenii Maame Sikaɛna wuo nti no aa ah Agyapong ee na adeɛ atɔ m'ani oo.. Victoria ao Agyei eei....Mekunu Kofi Duah wuo nti aa ah Medwan mede toa amanfoɔ sɛ, monsu mma me oo Mɛyɛ okunafoɔ mmoborɔ nti Vic ee..monsu mma me oo Ee bamoa owuo ooo, wo nkoara wo tiri mu ɛden oo Wayi odupɔn kɛseɛ a n'ase ɛnyono oo Na wakyiri ɔbaatan saa ma ne mma ayɛ awisea Mmotia nframa ho wo a woti dwa mu no Nti wakyere akyere akyere aa w'akyere nna ne agya oo Ɔberɛ a mereberɛ yi ne nyinaa owuo na wayɛ oo Bamoa wuo e wayɛ me bi oo..owuo ayɛ me bi oo ah, owuo ayɛ me bi oo.. Dada me nna mensu ooo...oh Na afe aso oo abusuafoɔ adi nhyiamu Meto m'ani a Aunte broni nie ae Georgina Gyamfi nie Eboo Nana Ama nie ah Ah Yaw Poku nie Ama Agyeiwaa awerɛhoɔ ni ee Mama woarahwɛ wo mma oo Ɔbaatan nna awia nna saa W'ama adeɛ atɔ wo mma ani ao Akua Agyeiwaa ne Joyce eee...kumasi Asafo na ɔteɛ Ɔsɛ ɔdwan de toa amanfoɔ sɛ ah, amanfoɔ sɛ Ɔyɛ awisea foforɔ nti nkwadaa yi monsu mma wɔn oo Agyeiwaa ee adeɛ atɔ ɔmo ani oo, Akua oo oo Maame Ama Bio wuo nti no aa aaah Joyce ee adeɛ atɔ ɔmo ani oo, Joyce oo Joyce ooo Maame Ama Bio wuo nti no aa, menua mmaa yi a Medwan mede toa amanfoɔ sɛ boo monsu mma wɔn oo Ɔyɛ awisea foforɔ nti nkwadaa yi monsu mma wɔn ooo ooo ei Biribiara nni hɔ a ɛyɛ awerɛho sɛ Wo wɔ akwantuo mu oo na wo nsa bɛka nkra afiri fie sɛ wo papa aka baabi oo Saa nkwanhyea bi ara na ɛtoo Cecilia Yaa Sarfoa a ɔfiri kwahu obome mma n'ani yɛɛ no yayaaya Afe bi asan oo nti ne papa akɔwu agya no Ceci se wasu asu a, wasu ama ne nisuo asa Nti ɔdwan de toa amanfoɔ sɛ ah, ghana mma oo, ɔyɛ awisea foforɔ nti Ceci ee, monsu mma wɔn oo Cecilia ee adeɛ atɔ m'ani oo..cecilia oo Papa kwasi Onwe wuo nti a ah aaa Yaa Sarfoa ee adeɛ atɔ m'ani oo..Sarfoa ee Sarfoa Papa kwasi Onwe wuo nti a, ooo cecilia ee Medwan mede toa amanfoɔ sɛ ah monsu mma me oo Meyɛ awisea foforɔ nti Ceci, monsu mma me oo Owuo atu me dunsin ao ama me soafoɔ asa Amansan abusua bebirebe yi menkoara me deɛ na ogya da mu oo ah Medwane me de toa amanfoɔ sɛ, monsu mma me oo Na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a monsu mma me oo Awisea foforɔ ne me oo, awisea foforɔ ne me oo, awisea moborɔ oo nti ɛyɛ a monsu mma me oo Nea ɔni awuo ee due oo Nea ɔse awuo ee due oo Okunafoɔ ee due oo..oh Lumba meresu ama mo oo Dada meresu ama mo oo Dada ee meresu ama mo o
Rate this song
0/5.0 - 0 Ratings
Loading comments...