Nom Nsuo Twen Ope

Album cover art for "Nom Nsuo Twen Ope" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop

Nom Nsuo Twen Ope

0 Plays

View Artist

Lyrics

N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo Nyankontɔn nkogyina ee Merehwɛ deɛ Awurade no a bɛyɛ me Agya ne ɔbaatanpa no, ɔno na odi onni bi asɛm Kotokurudu si ne dan a, obiaa nkɔ nsuo ma no Nso aboa yi a fete no nnɛteɛ, kakra nkakra na w'asi oo Wiase abrabɔ a yɛɛbɔ yi a, menua na ɛnyɛ mmirika tu oo Ɛna y'akɔ ka sɛ, hwɛ deɛ odii kan oo Nti menua ohianiwaa, wonnya nyɛɛ yie a mensu oo Firi sɛ abi deɛ ba ntɛm paa, abɛ bi nso bewu a ɛnso oo Menua fa animia yɛ, ɛhomepa bi wɔ wo brɛ yi akyire Ɛhyɛn bi bɛ pue wɔ mununkum yi akyire Nti na mese mennpa aba yi Maamе Ama Esah ee, ogyina Nsutaa na ɔfrɛ oo Wɔfa Gyamfi se, ɔbɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Agyai n'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mеde animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo Oh menuanom Ɛyɛ a mo nsu ma yɛn Adehyeman mma ɛrebrɛ wɔ nkorɔfoɔ nkuro so ah Ohia ama Ghana adehyeman mma, y'ate ahwete nkorɔfoɔ nkuro so Nanso yɛka no sɛn na ayɛ yie, adeɛ yi mu ohia na asoma me Mede awerɛhoɔ tuu kwan kɔɔ obi manso Akwantuo mu nsɛm ɔya oo Nanso ɔbaakofoɔ akɔ hunu, ɛyɛ a na ɔdansefoɔ wɔ hene oo? Medeɛ mɛto medeɛ yi mpo afɛnyinam, Kwadwo na madwen abusuafoɔ yi Firi sɛ menim sɛdeɛ me nkorɔfoɔ teɛ oo ɛne wɔn asetena mu Ebia me maame nni bi oo, agyee asuofoni ba yi Ebia na Abena Adomah bua ada oo Ebia na menua mmaa yi ho kyere wɔn Faustina Ofosu ee, Afia Abrempomaa ne Gifty oo Ebia me ba yi mpo nnini yɛ oo, Kwaku Oppong ee K Ebia ne me ba di ɛkɔm koraa ada oo ah Nanso sɛ ɔko no yɛ den aa, ɛyɛ mo ma yɛn ko Yɛ betumi ako na yɛdi nkunim, mese mmre pa wɔ y'anim oo M'adamfo agya Yaw a, wofiri Asante Gyamase Agya ee menngyae ɔko yi ara da, mese nom nsuo fa twɛn ɔpɛ oo Agyai n'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo Owura Sarkodie, ɔse ɔbɛ nom nsuo na w'atwɛn ɔpɛ oo Kofi ee, mogya redi aforosane yi, ɔde animia bɛyɛ oo N'ankwanoma

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Credits Not Found