Nkyekye Wo Nafe

Album cover art for "Nkyekye Wo Nafe" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop

Nkyekye Wo Nafe

2 Plays

View Artist

Lyrics

Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe nti Nti mama paa gyae su wate Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo Nti dada paa gyae su wate Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Ɔkra Fosu adwoberɛɛ oo Mekra mese mɛnsu biom wate Paapa werɛ mfiri wo o, na ɔkra Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Menfa no sei yi a nwu da oo Mɛnkɔ no nsa nsa saa oo Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ akwantufoɔ Yɛnsoroma bepue paa ama yɛnho atɔ yɛn o Ooh Ooh Ɔkwantunii mmɔborɔ oo Nea ɔde sika baa wiase yi mu deɛ Mekɔ ahyira a, mɛhyira no oo oh Wama adehyeɛ ayɛ nkoa, wama ɔpanyin ayɛ abɔfra Wama akɔnnɔ ekum ahiafoɔ saa Wama Lumba ee maka akwantuo mu saa oo Obi manso oo Dada ɛnkyɛnkyɛn wɔ nafe oo ah Mese na nkwa nkoa na ehia Mete ase yi deɛ megusu a mereko oo Wiamu nyɛ nsakra na nti Ɛmmerepa bɛba ɛnam kwan so Agya nim ankoakorɛ ahiasɛm Menim sɛ papa bɛyɛ ama mo o Kwadwo Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Mensoroma bepue paa ama meho atɔ me o Chief inpector Grace Omane Ɔse ɔnfa no sei nwu da Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo Nti dada paa gyae su wate Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Akyem ni ba a ɔnom Birem mu Akua Abigail ee, gyae su Gladys Adobea, Efiduase ni ba ee, gyae su wai Sister Yaa Boadiwaa, sister Nimfa ee gyae su Yaa Mercy ee, ɛmma mo nsu biom da Dabi dabi ɛbɛyɛ yie Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe nti Nti menua mmaa mongyae su oo Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Monsoroma bepue paa ama moho atɔ mo o Ohia adwodwo ɔkatakyie Ohia sɛi ɔman ba oo Me susuiɛ nyinaa aka metiri mu Sɛɛ ɔsoro adeɛ ɛyɛ fɛ asoroboa na ɛtɔ Akɔnnɔ bɛkum ohiani ba oo Akɔnnɔ n'akɔnnɔ n'akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa oo Mensu biom da Dada dabi ɛbɛyɛ yie Ɔyɛfoɔ bɛyɛ mea akɔ si deɛn? Me mmre nsoɛ nti na ɛyɛ wo sɛ wo hoɔden saa Mese wonsa bɛgyene dabi ama ɛkwan mu ada hɔ Agya beyi meyɛfoɔ adi oo, ama meyɛfoɔ afɛre Sɛkyerɛni ba Ama Saah woboɔ ni oo na wo Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Asew asew eei Abena Adomah oo Kwabena Boahene a gyae su Wo ne wo hene Faustina Boahene ee Toronto a na ɔteɛ Eric Akuko gyae su ɛ James Adom ee gyae su, wo ne wo yere sister Mary ee Mary oo, ɛmma monsu biom da Dabi dabi ɛbɛyɛ yie Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe nti Nti menua mmaa mongyae su oo Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Ɛnsoroma bepue paa ama yɛnho atɔ yɛn o Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo Nti mama paa gyae su wate Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo Akosua Badu ee gyae su wate Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo Nti menua mmaa mongyae su oo Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo Ɛnsoroma bepue paa ama yɛnho atɔ yɛn o

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Credits Not Found