Mennye Den Koraa

Lyrics
[Verse 1] Nsɛm nyinaa yɛnka o Nsɛm nyinaa yɛnka o, me dɔ ei Nyɛ nsɛm nyinaa na yɛka o Ɔdɔyɛwu ei, nka wonni akyinnyeɛ koraa, me dɔ o Mennyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Menya obi ama no ase ɔdɔyewu ama me sɛ Obi anwo no a nka menni dɔfo biara o Menyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Ɔsoro Abɔfo mfiri soro mba mbɛka biom ah? Yie me dɔ, eh Menyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Asɛm nyinaa yɛnka o Asɛm nyinaa yɛnka o Nyɛ nsɛm nyinaa na yɛka o Ɔdɔyɛwu ei, nka wonni akyinnyeɛ koraa me dɔ Menyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Menya obi ama no ase ɔdɔyewu ama me sɛ Obi anwo no a nka menni dɔfo biara o Menyɛ dеɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Ɔsoro Abɔfo mfiri soro mba mbɛka biom ah? Yaa Sеrwaa eh Menyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa? [Chorus] Menyɛ deɛn? Menyɛ dɛn? (Me dɔ ei) Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (M'akoma nyinaa ne wo o) Menyɛ dɛen koraa? (Menyɛ deɛn koraa?) Menyɛ deɛn koraa? (Ɔdɔ ei) Menyɛ dɛn? Menyɛ dɛn (Me dɔ o) Menyɛ dɛn? Menyɛ dɛn (Menku me ho anaa, na ɔdɔ?) Mennyɛ deɛn koraa (Yie, yie) Mennyɛ dɛn koraa na makyerɛ wo [Interlude] [Verse 2] Ɔdɔ mpepa n'aniwa mu nisuo ɛ Maame ei, nea wowɔ biara Ɔnkae nhunu sɛ na obi dɔ no ao, ayy Na sɛ wiase yi mu o Ɔsoro ne asaase bɛdi nsesa mpo a kae hunu sɛ Me ne wo dɔ deɛ ɛrensesa da o, Yaa Serwaa ei Ɔdɔ mpepa n'aniwa mu nisuo ɛ Maame ei, deɛ wo wɔ biara Ɔnkae nhunu sɛ, Charles ei, medɔ no Na sɛ wiase yi mu o Ɔsoro ne asaase bedi nsesa mpo a, kae hunu sɛ Me ne wo dɔ deɛ ɛrensesa da o, Yaa Serwaa eh Ɔdɔ begye me akyinnye saa ara Ama meredi awerɛhoɔ awu o Woda so gye me akyinnye? Ebi a mewu a na wobɛgye me adi Sɛ anka safoa bi da m'adwene mu a Nka me de abɔ wo ntoma ano dadaada o Ama wo ho atɔ wo, ao Mennim m'abusuapanyini Mennim da a yɛwoo Yesu Kristo Mennim da a Ɔbɔadeɛ bɔɔ wiase Nnoɔma bebree wɔ hɔ a mabɔn paa Nso adeɛ baako deɛ, megye me ho di Ɛno deɛ menim sene obiara Menim sɛ me dɔ, m'ahoma drobɛn ei Me ne wɔ dɔ deɛ na ɛrensesa da o [Chorus] Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Me dɔ o) Menyɛ deɛn? Menyɛ dɛn (M'akoma nyinaa wɔ wo o) Menyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn koraa? Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Oh, me dɔ o) Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Yie, Serwaa) Menyɛ deɛn koraa? (Yie, yie, ah) Mennyɛ dɛn koraa na makyerɛ wo? [Verse 3] Asɛm nyinaa yɛnka o (Wobɛku me) Asɛm nyinaa yɛnka o, Maame ei Nyɛ nsɛm nyinaa na yɛnka o Ɔdɔyɛwu ei, nka wonni akyineyɛ koraa, me dɔ o Mennyɛ deɛn koraa? (Mennyɛ deɛn koraa? Ɔdɔ) Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Menya obi ama no ase ɔdɔyewu ama me sɛ Obi anwo no a nka menni dɔfo biara o Menyɛ deɛn koraa? (Maame ei) Menyɛ deɛn koraa na makyerɛ wo? Ɔsoro Abɔfo mfiri soro mmra mmɛka biom ah? Yaa Serwaah ei Menyɛ deɛn koraa? (Menyɛ deɛn koraa?) Menyɛ deɛn koraa? (Ɔdɔ ei) [Outro] Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Tina ei) Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Yie, Yaa Amponsah ei) Menyɛ deɛn koraa? (Menyɛ deɛn koraa?) Menyɛ deɛn koraa? (Ɔdɔ ei) Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Linda ei) Menyɛ deɛn? Menyɛ deɛn? (Kwabena Wusu)
Rate this song
0/5.0 - 0 Ratings
Loading comments...