Hye Woho Den

Album cover art for "Hye Woho Den" by Daddy Lumba

Daddy Lumba - Pop

Hye Woho Den

0 Plays

View Artist

Lyrics

[Verse 1] Yɛntɔ nsa nhyira yɛn busuefoɔ ei Nanso me mpaeɛ ne sɛ, "Nyame nto m'atamfo nna mu o" Neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o, ei Na wahunu me nkɔsoɔ, ama wɔagye adi sɛ, oh [Pre-Chorus] Nyame si wo hene a, me ba, Fosu, ei Ɔtamfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di Gye di, gye di, agye Nyame nko ara [Chorus] Tie, me tamfo, mma w'ani mmere me, ao (Hyɛ den, hyɛ den) Hyɛ den, me tamfo ei (Hyɛ wo ho den) Mehwe ase mpo a mɛsɔre o Hyɛ den, hyɛ den, agye Nyame nko ara Tiе me tamfo, mma w'ani mmere mе ao (Hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a woboa o (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) [Verse 2] Boo, yɛnhyira yɛn busuefoɔ da o Nanso me mpaeɛ ne sɛ, "Nyame nto m'atamfo nna mu, ao" Neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o ei Na wahunu me nkɔsoɔ, ama wagye Nyame adi sɛ, oh-oh ei [Pre-Chorus] Nyame si wo hene a, me ba, Fosu, ei, deɛ Yie ei, na ɔtamfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di Gye di, gye di, agye Nyame nko ara [Chorus] Tie me tamfo, mma w'ani mmere me, ao (hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre, ao (Hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a, woboa o (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Mete so, mete so, mete so, eh, Lumba ei (Hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre ao (Hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a, woboa o (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei, oh (Agye Nyame nko ara) [Instrumental] [Verse 3] Momma me sapɔ ne samina o, ei Na mennware me ho fi wɔ badwa mu, ao Ɛwɔ amansan anim, wae? Sɛ mede nkontompo agye obi adeɛ da a Yie ei, mesi ho mmɔho-mmɔho wɔ Awurade anim o Yie ei, yie ei, ao, Agya Nti me papa a meyɛɛ amanfoɔ yi nyinaa Ɛho nnaaseɛ ne animguaseɛ deɛ a Mehyira mo kosɛ-kosɛ o Anka menyaa kɛterɛma apem ei Na manenanenam afie mu o, mayi m'ano akyerɛ amansan, nanso Nea yɛasɛe me akɔduru no o, ɛnsan nkɔduru hɔ ara o Kwadwo ei, medi ho yaw beberee Nti medeɛ me mpaeɛ a mebɔ ne sɛ Nana Nyame nto m'atanfo nna mu ao, Kwadwo ei Sɛ nea nkyɛnkyɛ wɔ n'afe nti, obiara bɛhunu bibiara mu nokore o, oh Sɛ menni fɛw ao, yie, m'Awurade anim o [Chorus] Tie, me tamfo ei, mma w'ani mmere a (Hyɛ den, hyɛ den) Ghanafoɔ kyiri ɔmama o (Hyɛ wo ho den) Nti gyedi sɛ eh (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Ao, me tamfo ei, me tamfo bɛbrɛ wiase o (Hyɛ den, hyɛ den) Boniayɛfoɔ ei (Hyɛ wo ho den) Wiase yi mu, adidi daa na ɛyɛ o (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) [Instrumental] [Verse 4] Aprapra nwowa nso ei, mese m'anum dɛ ntira o, oh Amansan yɛɛ o, Kwadwo, ei Me deɛ me ah? Madi hia pɛn, ao, oh, oh, me deɛ me ah? Mesan de akoma pa mawe o, Ama Saah, woaha me o, ah Mehunu sɛ obi ho rekyerɛ no a, na ɛyɛ me sɛ nea menyɛ nea mɛtumi biara Ɛmfa moa amansan a Nso papayɛ a meyɛ amanfoɔ nyinaa Animguaseɛ na megyeɛ o ɛwɔ amansan anim, ah Ɔberempɔn bɛn na wasi so yɛn man mu a, a moangu n'anim ase o Nti ɛnyɛ me nwanwa beberee Anokye dua borɔdeɛ anka ɔtwa no da no ara o Anwanwadeɛ bɛn na wanyɛ a? Ɔyii sika dwa maeɛ o, Asanteman Ɛnso ɔse ɔrekɔgye awieɛ aduro aba a Yie ei, ɔkɔeɛ na sɛ wamma biem a, Ghanaman, yɛ nyaa bi kaeɛ o Menim sɛ me ne m'Awurade ntam yɛ kann Mo a monam aseɛ moregu m'anim ase nyinaa ah-ei Atamfo ei, hyɛ den, hyɛ den, agye Nyame nko ara [Chorus] Tie me, tamfo ei, mma w'ani mmere a (Hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (Hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a, woboa o (Hyɛ den hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Mete so, mete so, mete so ei, Lumba ei (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei, mete so o (Hyɛ wo ho den) Wonte aseɛ a wobrɛ kwa o (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nkoara) Dan Baafi ei (Hyɛ den, hyɛ den) Ɔmama ho ahi kwa o (Hyɛ wo ho den) Wose wobɛgu n'anim ase a, oh (Hyɛ den, hyɛ den) Agye Nyame nko ara Yie ei, me nua Fosu ei (Hyɛ den, hyɛ den) Sefwi ni abranteɛ ei (Hyɛ wo ho den) Maame Serwaa ei, wo boɔ nie o (Hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) [Outro] Mete so, mete so, mete so ei, Lumba ei (Hyɛ den, hyɛ den) Mete so ei Lumba ei (Hyɛ wo ho den) Wonte aseɛ a woberɛ kwa (Hyɛ den, hyɛ den) Agye Nyame nko ara Mete so, mete so, mete so ei, Lumba ei (Hyɛ den, hyɛ den) Mete so ei Lumba ei Wonte aseɛ a...

Rate this song

Rate this song

0/5.0 - 0 Ratings

5
0.0% (0)
4
0.0% (0)
3
0.0% (0)
2
0.0% (0)
1
0.0% (0)

Loading comments...

Credits

Credits Not Found